Muslim Mission JHS
Ghanaian Language and culture (Asante Twi)
End of Second Term Examination- BS7
This paper consists of three parts I,II and III.
Answer one question only in part I and all the questions in parts II and III.
Answer All questions in your answer booklet. Credit will be given for clarity of expression and
orderly presentation of material.
PART I
COMPOSITION
(30 MARKS)
[Link] nsɛmfua a ɛnsua nsene ɔhaduono twerɛ dwumadiea ɛdidisoɔ yi mu baako ho asɛm
a. Ɛda a me werɛ remfiri da
b. Mekyerɛkyerɛnii a mepɛ n’asɛm
c. Twerɛ krataa kɔma wo sewaa a ɔte kuro foforɔ bi mu na kyerɛ no deɛ nti a wo pɛ sɛ wo
kɔtena ne nkyɛn kɔtoa wo sukuu so wɔ ne nkyɛn
d. Hwan pa ara na ne ho hia:Okuani anaa dɔkotani
PART II
COMPREHENSION
(10 MARKS)
Kofi Bediako awofoɔ nyaa kaa akwanhyia firii mu berɛ a na wadi mfeɛ nkron. Ɛwom sɛ
Fofie anto Ata nti , agyanka yi abrabɔ yɛɛ [Link] tare a na awae. Nyamesom mpo yɛɛ no
den.
Da koro bi,ɔkɔhyiaa abrewa bi wɔ kwaeɛ biretuo bi [Link]ɛm a aberewa no kyerɛɛ no ne
sɛ “Sɛ ehia no a, ɔnnwu na wo fie nsamanfoɔ di w’akyi” Asɛm yi hyɛɛ Bediako so. Ɔde kɔtoo ne
wɔfa konadu anim. Ɔkaa nea ɛkɔsii wɔ kwaeɛ no mu kyerɛɛ no. Ne wɔfa no nso susuu sɛ
aberewa no bɛyɛ ne maame saman. Ne wɔfa ni kea sɛ, “Amma Gyamfuwaa sɛ wiyɛ saman pa a ,
mane wo ba na ɔrehunu amane wɔ asase yi si”. Kwaku Bediako nso nnye saman nni.Sɛ nipa wu
a na wawu,wɔfa saman nni wiase.
Bɛyɛ dapɛn akyi no,Bediako kɔhyiaa ɔbaa bi wɔ Mfanibu dwa [Link] tɔɔ ne so sɛ ɔbaa
no sɛ obi a ɔnim no ,nanso ɔnhyiaa no da . ɔbaa no hwɛɛ Bediako dinn.ɔbisaa no sɛ ,wowɔ yere
anaa?ɛnna Bediako buaa no sɛ,Ei! Agyanka a ɔte sɛ me bɛtumi aware?
Ɔbisaa no bio a adwuma a ɔy, Bediako da awerɛhoɔ tete nisuo.ɔbaa no de Bediako kɔɔ ne
kurom Danyame sɛ ɔnkɔ boa no wɔ adwadie mu na ɔno nso anya kakra abɔ ne bra. Ɛnam sɛ obi
nni n’akyi nni ne n’anim no nti, Bediako dii ɔbaa no akyi twaa nkwansini bɛyɛ aduonu kɔɔ
Danyame. Ɔduruu hɔ pɛ na ɔbaa no de adeɛ bi a woakyekyere no duku mu no .Bediako anhunu
ɔbaa no bio,mpo ɔdaa ɔbɔnten so na adeɛ kyee no. Ɔbuee duku no mu a, na ɛyɛ sika kɔkɔɔ.
Bua nsɛmmisa yi.
(a) Ɔhaw bɛn na ɛtoo Bediako?
(b) Bediko awofoɔ firii mu na wadi mfeɛ sɛn?
(c) Bediako wɔfa din de sɛn?
(d) Asɛm bɛn na ɛhyɛɛ Bediako so ?
(e) Asɛm baako ben na aberewa no bisaa Bediako?
(f) Kyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu sɛdeɛ yɛde adi dwuma wc abasɛm yi mu.
(i)Frii mu
(ii)Fofie anto Ata.
(iii)dapɛn
(g) Ɛdeɛn na na ɛwɔ duku no mu?
(h) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson akenkansɛm yi din.
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
(10 MARKS )
A. Twerɛ edinnsiananmu a ɛredi dwuma sɛ ɔdedeɛ a Ɛwɔ ɔkasamu a ɛdidisoɔ yi mu
I. Me nsa yɛ me ya.
II. Wo nwoma no ate
III. Wɔn fie no abubu pa saa
IV. Wɔn fie no abubu pa saa
V. Me papa wɔ sika
B. Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ
I. Yɛwɔ fie hɔ.
II. Ɛhefoɔ na wɔwɔ dan no mu no.
III. ɔtɔɔ abrɔbɛ ankaa ne kwadu baaeɛ.
IV. kɔ
V. Maame no awu.
TRANSLATION
(5MARKS)
Fa brɔfo kasa yi kɔ Asante Twi kasa mu.
Adwoa Mansa is a young beautiful woman married to a king called Nana Amoako. The all live in
a small village called Asɛmasa. They have four [Link] boys and two girls.
KASADWIN
(LITERETURE)
(5 MARKS)
Oh! Me man Ghana
Ghana,Asomdwoe mam
Ghana, sika mpoano
Ɔma a, mete sɛ abɛ
Me mfasoɔ nti, aman pii anibre me
Na afie ɛyɛɛ dɛn na aman rebu me me animtia yi?
Na me mma nyinaa refri me nkyɛn rekɔ aman foforo so apaadie yi.
Oh! Me man Ghana.
Bua nsɛmisa a ɛdidisoɔ yi
1. Anwonsɛm kura nsensaneeɛ akokuo sɛn.
2. Akuo biara mu nsensanee yɛ sɛn?
3. To anwonsɛm no din.
4. Twerɛ kasamu mmienu a ɛwɔ anwonsɛm no mu na fa nhwɛsoɔ a ɛfata hyɛ ho.
OBJECTIVE TEST
ANSWER ALL QUESTIONS
1. Ahoɔfɛ ne aboterɛ yɛ ___ adom akyɛdeɛ
a) Asakyiri
b) [Link]
c) [Link]
d) D.Ɔyokoɔ
2. Dɔmaa Kusi a ɔfiri Dɔmaayɛ abusua bɛn piesie?
a) Aduana
b) Biretuo
c) Aseneɛ
d) Ɛkoɔna
3. Ɔyokoɔ, Aduana, Bitetuo ne Agonayɛ akanfoɔ.
a) Apaeɛ
b) Mmusuakuo
c) Awareɛ
d) Mmasoɔ
[Link]ɔ mmusoɔkuo no gu ahodoɔ sɛn?
a) Nnan
b) Nnum
c) Mmiensa
d) Nwɔtwe
5. Ako yɛ abusua bɛn akraboa ?
a) Aduana
b) Agona
c) Biretuo
d) Ɛkoɔna
[Link] bɛn na wɔmoma wɔn sɛ wɔn ho yɛ den paa?
a) Ɛkoɔna
b) Asakyiri
c) Aseneɛ
d) Ɔyokoɔ
[Link] bɛn na wɔn piesie ne mfamteman no?
a) Ɛkoɔna
b) Aseneɛ
c) Asona
d) Biretuo
8. Abusua bɛn na wɔn akraboa yɛ ɔpɛtɛ?
a) Agona
b) Aduana
c) Asakyiri
d) Ɛkoɔna
Yi deɛ ɛdidisoɔ yi mu deɛ ɛyɛ pa ara fa bua nsɛmmisa yi nyinaa
9. Edin yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kradin?
a) Nyaakoaa
b) Kwabena
c) Agyei
d) Frempɔn
10. Sɛ wɔ wo obi ___ a, wɔfrɛ no kwame .
a) Kwasiada
b) Ɛbenada
c) Memeneda
d) Efiada
[Link] bɛn na akanfoɔ de ma Tawia akyiriba ?
a) Ata kumaa
b) Atuakɔsɛn
c) Nyankomango
d) Piesie
12.Sɛ obi de atuakɔsɛn a, na ɔdi hwan akyi wɔ awoɔ mu ?
a) Tawia
b) Mɛnsa
c) Ntaafoɔ
d) Nyankomango
13.Ɛdin bɛn mmrane ne Bosuo?
a) Manu
b) Mɛnsa
c) Yaa
d) Ama
14.Ɔkasamu tiawa dwumadie no ne asɛnka , ɔhyɛ ne _____
a) mmrane
b) Kuntan
c) asɛmmisa
15.Ɔkasamu bɛn na ekura ɔkasamfa titire mmienu?
a) Asɛnka kasamu
b) Ɔkasamu kuntan
c) Ɔkasamu mmɔho
d) Ɔhyɛ
16.Ɛsiane sɛ Takyiwaa yeree ne ho yɛɛ adwuma nti,ɔnyaa abasobɔdeɛ.Ɛyɛ ɔkasamu bɛn?
a) Tiawa
b) Kuntan
c) Mmɔho
d) Asɛnka
17.Ɔkasamu tiawa kura nhyehyɛeɛ mmienu ɔyɛfoɔ ne ————-
a) Adeyɛ
b) Ayɔdeɛ
c) Nkasaeɛ
d) Piasɛm
[Link]ɛ ɛdidisoɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ ayɛsɛm su?
a) Ɛwɔ nsɛm nsisisoɔ
b) kasasu ahodoɔ
c) nsensaneeɛ akuokuo
d) nhyehyɛe
[Link]ɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ kasadwini su.
a) Agorɔmma
b) Mmrane
c) Asɛntitire
d) Nhyehyɛeɛ
[Link] na ɔbɔɔ ɔhene ne ahemfie nnoɔma ho ban
a) Adumfoɔ
b) Adɔntenhene
c) Atennankonwa
d) Mfenasoafoɔ
21.Wɔn a wɔka twen wɔ ahemfie ne —————
a) kurontihene
b) Ɔkyeame
c) Akyerɛmadefoɔ
d) Asakwafoɔ
[Link] na sɛ ɔhene bɛnom nsuo anaa ɔbɛdidi a , meka hwɛ.Me ne hwan?
a) Ɛsɛn
b) Ɔkra
c) soodofoɔ
d) Dabehene
[Link] biara de kasa ———- na ɛdi dwuma
a) Baako
b) nnan
c) nson
d) mmienu
Kyerɛ adeyɛ kyerɛfoɔ a ɛwɔ deɛ ɛdidisoɔ yi mu.
[Link]ɔfra no yɛ tiatia pa ara.
a) Abɔfra
b) tiatia
c) no
d) pa ara
[Link] nante nyaa dodo
a) nyaa
b) dodo
c) nante
d) Kofi
26. Akyekyedeɛ nante brɛɛw yie
a) yie
b) nante
c) brɛɛw
d) Akyekydeɛ
Kyerɛ Edin Nkyerɛkyerɛmu no nyinas
[Link] wɔ nkokɔ dumienu
a) nkokɔ
b) dumienu
c) me
d) wɔ
[Link] kumaa no abu
a) kumaa
b) Dua
c) abu
d) no
[Link] bɔne no kɔ
a) bɔne
b) aboa
c) Kɔ
d) no
[Link] no yɛ duru
a) Adesoa
b) yɛ
c) duru
d) no
Fa Nokorɛ ne Atorɔ bua nsɛmmisa no nyinaa
31. Akua mmrane ne Obisi
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
32.Ɔhene yɛ ntɛmgyinafoɔ ma nsamanfoɔ ne ateseafoɔ
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
[Link] mmrane ne Manson
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
34.ɔkyerɛma na ɔnoa ɔhene aduane
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
35.ɔkasamu mmɔho de nkabomdeɛ di dwuma
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
[Link] yɛ kradin
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
[Link]ɔ no ɔhwɛ ma ɔsie ɔhene
a) Nokorɛ
b) Atorɔ
[Link] yɛ prako. Ɛyɛ kasasu?
a) Ntotoho
b) Asesɛsɛm
c) Anihanehane
d) Kasakoa
39.Ɛsu bɛn na agyinamoa toa da no adi wɔ anansesɛm mu
a) ɔboafoɔ
b) Korcmfoɔ
c) ɔkokcdurufoɔ
[Link]ɔ a ɔhene ne wɔn bu ne man no wɔfrɛ wɔn….
a) Mpapahweka
b) ahenkwaa
c) atenankonnwa
d) adikurofoɔ